3
Mo Gyidie Boa Asɛnka No
Yei kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio anaa? Anaasɛ yɛhia adansedie nkrataa a ɛfiri yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛdeɛ afoforɔ hia no anaa? Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔatwerɛ wɔ yɛn akoma mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛhunu na wakan. Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so atwerɛ. Ɛnyɛ twerɛduro na wɔde twerɛɛ no ɛboɔ ɛpono so, na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde twerɛ guu nnipa akoma mu.
Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn. Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforɔ ho asomfoɔ. Ɛfiri Honhom Kronkron no na ɛmfiri mmara a wɔatwerɛ. Mmara de owuo ba na Honhom no deɛ ɛma nkwa.
Kristo Animuonyam Foforɔ
Mmara a ɛde owuo baeɛ no, na wɔatwerɛ no ɛboɔ ɛpono so, nanso animuonyam a na ɛkura no enti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose animuonyam hyerɛneeɛ nanso saa animuonyam no dumiiɛ. Enti, apam a Honhom no de ba no, ɛrennya animuonyam mmorosoɔ anaa? Sɛ mmara a ɛde owuo ba no wɔ animuonyam a, ɛnneɛ deɛ ɛma yɛtene Onyankopɔn anim no rennya animuonyam a ɛboro so? 10 Nokorɛm, Apam Foforɔ no animuonyam mmorosoɔ enti, mmara a ɛde owuo ba no animuonyam ayera. 11 Na sɛ na animuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛre mu a, animuonyam bɛn na ade a ɛte hɔ daa no rennya.
12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi enti, yɛwɔ akokoɔduru. 13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa nʼanim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Israelfoɔ no renhunu nʼanim hyerɛn no pa a ɛrepa na ayera no. 14 Nanso nteaseɛ a wɔn annya no enti ɛbɛsi ɛnnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dada nwoma no a, saa nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkatanimu no bɛfiri hɔ no, gye sɛ ɔgye Kristo di. 15 Ɛbɛsi ɛnnɛ, ɛberɛ biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkatanimu no da so kata wɔn adwene so. 16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a, ne nkatanimu no, woyi firi hɔ. 17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no, ahotɔ wɔ hɔ. 18 Yɛn a nkatanimu biara nkata yɛn anim no, Awurade animuonyam hyerɛn yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanimuonyam mu.