12
Beaeɛ A Awurade Ayi Ama Ɔsom
Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so. Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa. Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ.
Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn. Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho. Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo.
Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no, ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ. 10 Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a, 11 momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no. 12 Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea. 13 Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa. 14 Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no.
15 Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi. 16 Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo. 17 Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi. 18 Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. 19 Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi.
20 Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ. 21 Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no. 22 Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no. 23 Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no. 24 Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo. 25 Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
26 Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ. 27 Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no. 28 Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani.
29 Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a, 30 mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.” 31 Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu.
32 Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu.