11
Awurade Na Tie No
Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa. Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa. Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi. Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha. Na wɔnni hɔ enti, wɔanhunu deɛ wɔde yɛɛ Eliab a ɔyɛ Ruben aseni mma Datan ne Abiram ɛberɛ a wɔyɛɛ bɔne na asase mu bue menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara a na nkwa wɔ mu a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no. Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa.
Monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden akɔfa asase a morebɛtwa Yordan akɔ so akɔfa yi, na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so. 10 Asase a morebɛkɔ so no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ no a na modua mfudeɛ a mode mo nan twa nsuka te sɛ deɛ moredua nhahannuane no. 11 Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔ mmepɔ ne bɔnhwa a osuo tɔ wɔ hɔ yie 12 a ɛyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, hwɛ so yie. Na daa Awurade mo Onyankopɔn ani wɔ so firi afe no ahyɛaseɛ kɔsi nʼawieeɛ.
13 Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom no a, 14 ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo. 15 Ɔbɛma mo ɛserɛ pii na mo anantwie awe na mo nso mobɛdidi amee.
16 Monnnane mo akoma mfiri Awurade so nkɔsom anyame foforɔ. 17 Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so. 18 Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire. 19 Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn. 20 Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
22 Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no. 23 Ɛwom sɛ aman a wɔwɔ mo asase so yɛ den sen mo deɛ, nanso Awurade bɛpamo wɔn nyinaa. 24 Baabiara a mode mo nan bɛtia no, asase no bɛyɛ mo dea. Mo ahyeɛ bɛyɛ ɛfiri ɛserɛ so anafoɔ kɔsi Lebanon wɔ atifi fam de firi Asubɔnten Eufrate wɔ apueeɛ fam kɔsi Ntam Po no fam. 25 Obiara rentumi nsɔre ntia mo, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛto mo ho hu ne mo ho suro adi mo anim sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no wɔ baabiara a mobɛkɔ wɔ asase no so.
26 Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim, 27 Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. 28 Na sɛ mopo Awurade, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome. 29 Na sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, de mo duru asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfiri Gerisim Bepɔ no so na monka nnome nsɛm nso mfiri Ebal Bepɔ so. 30 Saa mmepɔ mmienu yi wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, asase a na Kanaanfoɔ a na wɔte Yordan subɔnhwa a ɛbɛn kuro Gilgal no te hɔ. Na wɔwɔ atɔeɛ fam a ɛbɛn More kwaeɛ no. 31 Moreyɛ atwa Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a, 32 monhwɛ yie na monni mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.