27
Bepɔ Ebal Afɔrebukyia
Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so. Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho. Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho. Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka. Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”
Nnome A Ɛfiri Bepɔ Ebal So
Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ. 10 Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”
11 Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,
12 Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no. 13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.
14 Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:
 
15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
16 “Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
17 “Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
18 “Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
19 “Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
24 “Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
25 “Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
26 “Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.”
Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”