28
Ɔsetie Mu Nhyira
Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa. Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa:
Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.
Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.
Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.
Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.
Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 10 Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo. 11  Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.
12  Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn. 13 Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn. 14 Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.
Asoɔden Mu Nnome
15 Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.
16 Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
17 Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo.
18 Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo.
19 Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo.
20  Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti. 21  Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. 22  Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye. 23 Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ. 24  Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe.
25  Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so. 26 Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn. 27  Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo. 28  Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so. 29 Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo.
30 Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba. 31 Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo. 32 Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee. 33 Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so. 34 Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam. 35  Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so.
36  Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ. 37 Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn.
38 Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ. 39 Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no. 40 Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ. 41 Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu. 42 Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no.
43 Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ. 44 Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan.
45 Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo. 46 Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa. 47 Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti, 48 mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.
49  Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa; 50 ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra. 51 Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe. 52 Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so.
53 Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono. 54 Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ, 55 na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti. 56 Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ. 57 Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu.
58 Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a, 59  Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ. 60 Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da. 61  Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe. 62 Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn. 63 Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so.
64 Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ! 65 Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa. 66 Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann. 67 Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia. 68 Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.