9
Israel Nkonimdie Firi Onyankopɔn Adom
Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ. Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?” Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.
Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa. Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so. Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.
Sikakɔkɔɔ Nantwie Ba
Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua. Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom. 10  Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.
11 Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me. 12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.”
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. 14 Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.”
15 Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me. 16 Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so. 17 Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim.
18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie. 19 Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na Awurade ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio. 20  Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso. 21 Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu.
22 Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.
23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. 24 Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.
25 Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. 26 Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no. 27 Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob. 28 Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘Awurade sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’ 29 Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.”