10
Aboɔ Ɛpono Foforɔ
Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Twa aboɔ ɛpono no mmienu te sɛ kane deɛ no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. Mɛtwerɛ nsɛm a metwerɛ guu aboɔ ɛpono mmienu a ɛdi ɛkan a wobubuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na wode ahyɛ adaka no mu.”
Na mede dua okuo yɛɛ adaka, senee aboɔ ɛpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam. Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me. Na mesiane firii bepɔ no so na mede aboɔ apono no bɛhyɛɛ adaka a meyɛeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Na Israelfoɔ tu firii Beerot-Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no. Aaron babarima Eleasa sii nʼanan mu, dii ɔsɔfoɔ. Wɔfiri hɔ no, wɔtu kɔɔ Gudgod. Wɔfiri Gudgod hɔ no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuo abu so wɔ so. Ɛhɔ na Awurade yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wɔnnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira. Yeinom da so yɛ wɔn nnwuma de bɛsi ɛnnɛ. Ne saa enti na Lewifoɔ no nni agyapadeɛ a wɔnya mu mfasodeɛ wɔ Israelfoɔ mmusuakuo mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn no.
10 Sɛdeɛ maka dada no, metenaa bepɔ no so Awurade anim adaduanan awia ne anadwo ne mprenu so. Na bio, Awurade tiee me sufrɛ enti, wansɛe mo. 11  Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na di ɔmanfoɔ no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapadeɛ.”
Monsuro Awurade
12 Enti Israel, ɛdeɛn na Awurade, mo Onyankopɔn, hwehwɛ afiri mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ mosuro no na moyɛ nʼapɛdeɛ, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, 13 na modi Awurade ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so, na asi mo yie.
14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade mo Onyankopɔn, dea. 15 Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 16 Ɛno enti, momma wɔnte mo akoma mu na monnyae asoɔden no. 17  Awurade mo Onyankopɔn yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kokuroko, otumfoɔ ne ɔnwanwani a ɔnkyea nʼaso na ɔnnye adanmudeɛ nso. 18 Ɔbu nwisiaa ne akunafoɔ atɛntenenee. Ɔda ne dɔ adi kyerɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduane ne ntoma. 19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ, mo nso ɛberɛ bi na moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. 20 Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ni na mosom no, na moka mo ho bata ne ho. Monka ntam wɔ ne din nko ara mu. 21 Ɔyɛ mo Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a mo nyinaa ahunu bi. 22 Ɛberɛ a mo agyanom siane kɔɔ Misraim no, na wɔn dodoɔ yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Onyankopɔn ama moadɔre te sɛ ɔsoro nsoromma.