10
Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no,
saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.
Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa,
nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum.
Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so a
wɔhunu sɛ ɔnnim nyansa
na ɔma obiara hunu sɛ wagyimi.
Sɛ sodifoɔ bo fu wo a,
nnya wʼadwuma nto hɔ;
na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.
 
Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase.
Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:
Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn,
na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.
Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so,
na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.
 
Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu;
na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.
Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no;
na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.
 
10 Sɛ abonnua ano akum
na wɔanse ano a,
ɛbɛhia ahoɔden bebree
nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.
 
11 Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a
deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.
 
12 Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam,
nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.
13 Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm;
na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,
14 na ɔkwasea woro nsɛm.
 
Obiara nnim deɛ ɛreba,
hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?
 
15 Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ;
na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.
 
16 Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa
na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.
17 Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ
na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata
de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.
 
18 Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ;
sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.
 
19 Wɔto ɛpono ma sereɛ,
na nsã ma onipa ahosɛpɛ,
nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.
 
20 Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene,
na wowɔ piam nso a, nnome osikani,
ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ,
na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.