9
Hyɛberɛ A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa
Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.
Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,
saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;
sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,
saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.
Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.
Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,
nanso awufoɔ nnim hwee;
wɔnni akatua biara bio,
na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.
Wɔn dɔ, ɔtan
ne ninkunu atu ayera dada;
wɔnni hwee yɛ wɔ
biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.
Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10 Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ.
11 Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:
Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ
anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,
aduane mma onyansafoɔ nkyɛn
anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ
na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;
nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:
Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,
ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no
saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa
wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
Nimdeɛ Yɛ Sene Nkwaseasɛm
13 Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: 14 Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. 15 Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.
17 Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no
na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.
18 Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ,
nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.