12
Kae wo Bɔfoɔ
wɔ wo mmeranteberɛ mu,
ansa na nnabɔne no aba
na mfeɛ a wobɛka sɛ,
“Menni mu anigyeɛ biara” no reba,
ansa na owia ne hann,
ɔsrane ne nsoromma aduru sum,
na omununkum asane aba osutɔ akyi.
Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,
na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,
ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti
na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;
ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu
na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;
ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,
nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;
ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ
ne mmɔntene so amanenyasɛm;
ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne
na abɛbɛ wea korɔ
na nkatedeɛ ho adwodwoɔ.
Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu
na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.
 
Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,
anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;
ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,
anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,
na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,
na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.
 
“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.
“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”
Asɛm No Awieeɛ
Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.
11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima.
Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.
13 Afei ne nyinaa atɔ asom;
nsɛm no awieeɛ nie:
Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,
na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.
14 Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,
deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.