Nnwom Mu Dwom
1
Salomo nnwom mu dwom.
Ababaawa:
Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,
ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.
Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka
wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.
Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.
Nnamfonom
Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.
Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.
Ababaawa:
Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
 
Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,
Ao, Yerusalem mmammaa,
mobiri te sɛ Kedar ntomadan,
te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!
Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,
ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.
Memaa mmammarima bo fuu me
enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;
na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.
Kyerɛ me me dɔfoɔ,
faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi
na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim
wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?
Nnamfonom
Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,
fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so
na fa wo mpapo mma kɔ adidi
wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.
Aberanteɛ:
Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ
a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.
10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
Ababaawa:
12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,
nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.
13 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo* toa
a ɛda me nufu ntam.
14 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm
wɔ En-Gedi bobe turo mu.
Aberanteɛ:
15 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ nie
wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.
Ababaawa
16 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ nie
yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.
Aberanteɛ:
17 Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;
yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.
* 1:13 1.13 Krobo yɛ aduhwam bi a wɔnya firi “balsam” dua a ebi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ hwam. 1:14 1.14 En-Gedi yɛ kwaeɛ a ɛwɔ ɛserɛ so wɔ Nkyene Po atɔeɛ fam a afifideɛ a ɛyɛ hwam bebree wɔ.