6
Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie: Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.
Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no. Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so. Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya. Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?
Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia,
nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.
Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea?
Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a
mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
Deɛ aniwa hunu no
yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ.
Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Ɛte sɛ wotaa mframa.
 
10 Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada,
na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada;
onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden
sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.
11 Nsɛm dɔɔso a,
emu aba yɛ kakraa bi,
na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?
12 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.