7
Nimdeɛ
Edin pa yɛ sene aduhwam papa,
na owuda yɛ sene awoda.
Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase
sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase,
ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ
na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.
Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ,
ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba.
Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase,
nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie.
Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka
sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.
Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no
saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ.
Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
 
Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea,
na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.
 
Asɛm awieeɛ yɛ sene ne ahyɛaseɛ,
na ntoboaseɛ yɛ sene ahantan.
Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm
na abufuo da wo nso sɛ ɔkwasea.
 
10 Ɛnka sɛ, “Adɛn enti na tete nna no yɛ sene ɛnnɛ mmerɛ yi?”
Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei.
 
11 Nimdeɛ, sɛ agyapadeɛ no, yɛ adepa.
Ɛho wɔ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia.
12 Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ no
saa ara na sika nso teɛ,
nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ:
deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
13 Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho:
Hwan na ɔbɛtumi atene
deɛ wayɛ ama akyea?
14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye;
nanso mmere bɔne mu, hunu sɛ
Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.
Ɛno enti onipa ntumi nhunu
deɛ ɛbɛto no daakye.
15 Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu:
Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu,
ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu.
16 Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so,
na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so,
adɛn enti na wosɛe wo ho?
17 Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so,
na ɛnyɛ ɔkwasea nso,
adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?
18 Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu
nanso nnyaa deɛ aka no mu.
Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.
 
19 Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree
sene kuropɔn mu sodifoɔ edu.
 
20 Onipa teneneeni biara nni asase so a
ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
 
21 Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,
anyɛ saa a, wobɛte sɛ wo ɔsomfoɔ redome wo,
22 na wonim wɔ wʼakoma sɛ,
wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree.
23 Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ,
“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ”
nanso na yei boro me so.
24 Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara,
ɛwɔ akyiri, na emu dɔ,
hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?
25 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ,
ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ
na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase
ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.
 
26 Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo
ɔbaa a ɔyɛ afidie;
nʼakoma yɛ nnaadaa
na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ.
Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho
nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.
27 Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu:
“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.
28 Mereyɛ nhwehwɛ mu
na menhunu hwee no,
mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu,
nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu.
29 Yei nko ara na mahunu:
Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ,
nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”