19
Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom
“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom na monka sɛ:
“ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko
wɔ agyata mu!
Ɔdaa gyataburuwa mu
yɛnee ne mma.
Ɔyɛn ne mma no mu baako
ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,
na ɔwee nnipa nam.
Amanaman no tee ne nka,
na wɔn amena yii no.
Wɔguu no nkapo de no kɔɔ
Misraim asase so.
 
“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,
na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,
ɔfaa ne ba foforɔ
yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.
Ɔkyinkyinii agyata no mu
ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu
na ɔwee nnipa nam.
Ɔbubuu wɔn abandenden
na ɔsɛee wɔn nkuro.
Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,
ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.
Afei amanaman no sɔre tiaa no,
wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.
Wɔguu no asau kyeree no
wɔ wɔn amena mu.
Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu
na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene.
Wɔde no too nneduafie,
na wɔante ne mmobomu no bio
wɔ Israel mmepɔ no so.
 
10 “ ‘Na wo maame te sɛ bobedua
a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu.
Na ɛso aba, na ɛyiyii mman
nsuo a ɔnya no bebree no enti.
11 Ne mman yɛɛ den yie
ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma.
Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,
ne sorokɔ ne ne mman bebree no
maa no yɛɛ sononko.
12 Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase
de no hwee fam.
Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,
ɛso aba tete guiɛ;
na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ
na ogya hyeeɛ.
13 Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so
asase wesee a nsuo nni muo.
14 Ogya trɛ firii ne mman baako so
na ɛhyee nʼaba.
Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so
deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’
Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”