20
Otuatefoɔ Israel
Afe a ɛtɔ so nson no bosome enum no ɛda a ɛtɔ so edu no, Israel mpanimfoɔ no mu bi bɛbisaa Awurade hɔ adeɛ, na wɔtenatenaa mʼanim.
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’
“Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no si wɔn anim na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a meyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakob efie asefoɔ na meyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene Awurade, mo Onyankopɔn.” Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa. Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mu biara nto nsɛsodeɛ tantan a mode mo ani asi soɔ no ntwene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene Awurade, mo Onyankopɔn.”
“ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantoto nsɛsodeɛ tantan no a wɔde wɔn ani asi soɔ no angu, na wɔannyae ahoni a ɛfiri Misraim no akyiri die. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo wɔ wɔn so wɔ Misraim. Nanso me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma wɔngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a meyii me ho adi kyerɛɛ Israelfoɔ wɔ mu, de yii wɔn firii Misraim no. 10 Enti medii wɔn anim firii Misraim, de wɔn baa ɛserɛ no so. 11 Mede me nhyehyɛeɛ maa wɔn na me ma wɔhunuu me mmara, ɛfiri sɛ obiara a ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa. 12 Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron.
13 “ ‘Nanso, Israelfoɔ tee mʼanim atua wɔ ɛserɛ no so. Wɔanni me nhyehyɛeɛ so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a ɔbɛdi soɔ no bɛnya nkwa wɔ wɔn mu, na wɔguu me home nna ho fi koraa. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ ɛserɛ no so. 14 Nanso, me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma ho ɛkwan ma wɔnngu me ho fi wɔ amanaman a meyii wɔn firii so no ani so. 15 Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene soɔ, nsase nyinaa mu deɛ ɛyɛ pa ara no, 16 ɛfiri sɛ, wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛdeɛ so na wɔguu me home nna ho fi, ɛsiane sɛ na wɔn akoma da wɔn ahoni no so. 17 Nanso mehunuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn, na mantɔre wɔn ase wɔ ɛserɛ no so. 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ ɛserɛ no so sɛ, “Monnni mo agyanom ahyɛdeɛ ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. 19 Mene Awurade, mo Onyankopɔn; monni mʼahyɛdeɛ so na monhwɛ yie nni me mmara so. 20 Monyɛ me home nna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ me ne mo ntam. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn no.”
21 “ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛdeɛ so, na wɔanhwɛ anni me mmara so, deɛ onipa di so a ɔbɛnya nkwa no. Wɔguu me home nna ho fi. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo a ɛtia wɔn wɔ ɛserɛ no so. 22 Nanso metwentwɛn so, na me din enti, meyɛɛ deɛ amma ɛho ngu fi wɔ aman a meyii wɔn firii so no ani so. 23 Memaa me nsa so kaa ntam wɔ ɛserɛ no so sɛ mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, 24 ɛfiri sɛ, wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛdeɛ guu me home nna ho fi, na wɔn ani kɔdii wɔn agyanom ahoni akyi. 25 Bio, mede wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a ɛnyɛ, ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; 26 memaa ho ɛkwan ma wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ de guu wɔn ho fi, sɛdeɛ mede ahodwirie bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahunu sɛ me ne Awurade.’
27 “Enti, onipa ba, kasa kyerɛ Israelfoɔ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Na yei mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: 28 Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔdeɛ, yɛɛ afɔrebɔdeɛ maa kokoɔ biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhahan de hyɛɛ me abufuo; wɔde nnuhwam maeɛ na wɔhwiee ahwiesa maa wɔn. 29 Na mebisaa wɔn sɛ: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de bɛsi ɛnnɛ.)
Atemmuo Ne Ɔgyeɛ
30 “Enti ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mobɛgu mo ho fi sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ na mo kɔn dɔ wɔn ahoni tantan no anaa? 31 Sɛ mode mo ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ mo mmammarima bɔ afɔdeɛ wɔ ogya so ma mo ahoni a, ɛnneɛ mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi bɛsi ɛnnɛ. Memma mommɛbisa me hɔ adeɛ anaa, Ao Israel efie? Ampa ara, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, meremma mommmisa me hɔ adeɛ.
32 “ ‘Moka sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ ewiasefoɔ a wɔsom nnua ne aboɔ no.” Nanso deɛ ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. 33 Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu bɛdi mo so. 34 Mede mo bɛfiri amanaman no so, na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo wɔ so no; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔatene mu ne abufuhyeɛ a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. 35 Mede mo bɛba amanaman no ɛserɛ so, na ɛhɔ na mɛbu mo atɛn animu ne animu. 36 Sɛdeɛ mebuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim ɛserɛ soɔ no, saa ara na mɛbu mo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 37 Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahunu mo yie na mede mo aba apam no nkyehoma ase. 38 Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwom sɛ mɛyi wɔn afiri aman a wɔte soɔ no mu, nanso wɔn nan rensi Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
39 “ ‘Na mo deɛ, Ao Israel efie, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso, akyiri no, mobɛtie me na moremfa mo ayɛyɛdeɛ ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. 40 Ɛfiri sɛ, me bɛpɔ kronkron no so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, ɛhɔ, wɔ asase no so na Israel efie nyinaa bɛsom me, na ɛhɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mɛhia mo afɔrebɔdeɛ ne mo ayɛyɛdeɛ a ɛdi mu no aka mo afɔdeɛ kronkron no nyinaa ho. 41 Sɛ meyi mo firi amanaman no mu na meboaboa mo ano firi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no a, mobɛsɔ mʼani sɛ krobo a ɛyi hwa, afei mɛda me kronnyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahunu. 42 Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom so a, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. 43 Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛɛ nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwunu ɛsiane amumuyɛ a moayɛ no nyinaa enti. 44 Israel, ɛfata sɛ wɔtwe wʼaso. Nanso mene wo bɛdi no wɔ ɛkwan a ɛbɛhyɛ me din animuonyam so. Wobɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Atemmuo A Ɛtia Anafoɔ Fam
45  Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 46 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ anafoɔ fam, ka asɛm tia anafoɔ fam na hyɛ nkɔm tia kwaeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam asase soɔ. 47 Ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ no sɛ: ‘Tie Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛto wo mu ogya, na ɛbɛhye nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Deɛ ɛyɛ mono ne deɛ awoɔ. Wɔrennum ogyadɛreɛ no na ɛbɛhye asase no ani nyinaa; ɛfiri anafoɔ fam kɔsi atifi fam. 48 Obiara bɛhunu sɛ me Awurade na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” 49 Afei mekaa sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Wɔka fa me ho sɛ, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi anaa?’ ”