21
Babilonia, Onyankopɔn Atemmuo Akofena
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu. Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam. Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’
“Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim. Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Akofena bi, akofena bi,
wɔase ano, atwi ho,
10 wɔase ano ama akumkumakumkum no,
wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
“ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
11 “ ‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho,
sɛ wɔmfa nsa nkura mu;
wɔase ano, atwi ho,
ayɛ no krado ama okumfoɔ no.
12 Su na twa adwo, onipa ba,
ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ;
ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa.
Wɔagyaa wɔn ama akofena no
aka me nkurɔfoɔ ho.
Enti fa wo nsa gu wo tiri so.
13 “ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ wo nsam.
Ma akofena no ntwitwa mprenu
mpo mprɛnsa.
Ɛyɛ akumakunkum akofena,
akumakunkum kɛseɛ no akofena,
a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.
15 Ɛbɛma akoma nyinaa aboto
na atɔfoɔ adɔɔso,
mede akunkumakunkum akofena no asisi
wɔn apono nyinaa ano.
Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam
wɔaso mu ama akumkumakumkum.
16 Ao akofena, twa kɔ nifa,
na twa kɔ benkum,
deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.
17 Me nso, mɛbɔ me nsam,
na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo
Me Awurade na makasa no.”
18  Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 19 “Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu. 20 Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. 21 Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu. 22 Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim. 23 Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum.
24 “Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.
25 “ ‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ, 26 yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. 27 Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’
28 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho:
“ ‘Akofena bi, akofena bi,
wɔatwe ama akunkumakunkum,
wɔatwi ho sɛ ɛnni nam
na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
29 Atorɔ anisoadehunu
ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no
wɔde bɛto wɔn kɔn mu
amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no
wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ,
ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no
aduru ne mponponsoɔ no.
 
30 “ ‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu
wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ
wɔ wo nananom asase so,
mɛbu wo atɛn.
31 Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so
na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo;
Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa,
wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.
32 Wobɛyɛ nnyensin ama ogya,
wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so,
na wɔrenkae wo bio;
me Awurade na makasa.’ ”