27
Tiro Ho Kwadwom
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,
“Me ho yɛ fɛ yie.”
Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;
wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ
Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa
yɛ pepeaa a ɛfiri Senir.
Wɔde Lebanon ntweneduro
na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.
Odum nnua a ɛfiri Basan
na wɔde yɛɛ wʼatabono;
Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.
Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma
a ɛyɛɛ wo frankaa nso;
wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma
a ɛfiri Elisa mpoano.
Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;
wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro
na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.
Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu
sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.
Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa
baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.
 
10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.
Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ
sensɛnee wʼafasuo ho,
de hyɛɛ wo animuonyam.
11 Arwad ne Helek mmarima
wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.
Gammad mmarima
tenaa wʼaban atentene mu.
Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12 “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
13 “ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
16 “ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.
18 “ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.
20 “ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.
21 “ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.
22 “ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.
23 “ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.
25 “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.
Adesoa duruduru ayɛ wo ma
wɔ ɛpo no mfimfini.
26 Wʼaharefoɔ no fa wo
de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri
nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete
wɔ ɛpo no mfimfini.
27 Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ
wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne
wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,
wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,
ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu
bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn
ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.
28 Mpoano asase bɛwoso
ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.
29 Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa
bɛgya wɔn ahyɛn hɔ;
hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa
bɛgyinagyina mpoano.
30 Wɔbɛma wɔn ɛnne so
asu osu yaaya ama wo;
wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so
na wɔayantanyantam nsõ mu.
31 Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa
na wɔafirafira ayitoma.
Wɔde ɔkra mu ahoyera
ne awerɛhoɔ a emu yɛ den
bɛgyam wo.
32 Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,
wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:
“Hwan na wama no atɔre mumu
te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”
33 Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no
woboaa aman bebree;
Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ
maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34 Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete
wɔ nsuo no bunu mu
wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa
ne wo amem kɔ nsuo ase.
35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa
ho adwiri wɔn wɔ wo ho;
ehu ma wɔn ahemfo ho popo
na wɔn anim sinsiam.
36 Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so
woaba awieeɛ a ɛyɛ hu
na wɔrenhunu wo bio.’ ”