28
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Tirohene
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Wofiri wʼahantan akoma mu ka sɛ,
“Meyɛ onyame;
mete onyame bi ahennwa so
wɔ ɛpo mfimfini.”
Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,
ɛwom, wodwene sɛ wonim nyansa sɛ onyame bi.
Wonim nyansa sene Daniel anaa?
Wonim kokoamsɛm biara anaa?
Wonam wo nyansa ne nhunumu so
anya ahodeɛ ama wo ho.
Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree
agu wʼakoradan mu.
Wonam wʼadwadie mu nyansa so
ama wʼahonya adɔɔso,
na wʼahonya enti
wahoran wɔ wʼakoma mu.
“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Esiane sɛ wodwene sɛ wonim nyansa
te sɛ Onyame enti,
mede ananafoɔ reba abɛtia wo,
amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;
wɔbɛtwetwe wɔn akofena
wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so
na wɔahwire wʼanimuonyam no.
Wɔde wo bɛto amena no mu,
na wobɛwu owu yaaya
wɔ ɛpo mfimfini.
Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?
Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame
wɔ wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.
10 Wobɛwu momonotofoɔ wuo
wɔ ananafoɔ nsam.
Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
 
11  Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,
na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.
13 Na anka wowɔ Eden
Onyankopɔn turo no mu.
Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:
bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ
sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,
aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.
Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,
wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.
14 Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,
ɛfiri sɛ saa na mehyɛɛ woɔ.
Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;
wonantee ogya aboɔ mu.
15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm
ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no
kɔsii sɛ wɔhunuu amumuyɛ wɔ wo mu.
16 Wʼadwadie a emu trɛ no enti
wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma
na woyɛɛ bɔne.
Ɛno enti mepamoo wo firii
Onyankopɔn bepɔ no so wɔ animguaseɛ mu,
na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,
firii ogya aboɔ no mu.
17 Wo horanee wɔ wʼakoma mu
wʼahoɔfɛ enti,
na womaa wo nyansa porɔeɛ,
wʼanimuonyam no enti.
Enti metoo wo twenee fam;
na mede wo yɛɛ ahwɛdea wɔ ahemfo anim.
18 Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie
agu wo kronkrommea ho fi,
ɛno enti memaa ogya firii wo mu
na ɛhyee wo,
na mema wo danee nsõ
wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
19 Aman a na wɔnim woɔ nyinaa
ho adwiri wɔn wɔ wo ho:
wʼawieeɛ ayɛ ahomete
na wɔrenhunu wo bio.’ ”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Sidon
20  Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22 na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Me ne wo anya, Ao Sidon
na mɛnya animuonyam wɔ wo mu.
Wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
ɛberɛ a mede asotwe aba wo so
na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wo mu.
23 Mɛma ɔyaredɔm aba wo so
na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so.
Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu,
ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa.
Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
24 “ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.
25 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so. 26 Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ”