30
Misraim Ho Kwadwom
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Twa adwo na ka sɛ,
“Ao ɛda no!”
Na ɛda no abɛn,
Awurade ɛda no abɛn,
omununkum ɛda,
amanaman no atemmuo berɛ.
Akofena bi bɛba abɛtia Misraim,
na ahoyera bɛba Kus so.
Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a
wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ
na wɔabubu ne fapem agu fam.
Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.
“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase
na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ.
Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan
wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano,
Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Wɔbɛdeda mpan
wɔ nsase a ada mpan mu,
na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka
nkuropɔn a abubu ho.
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu
na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.
“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
 
10 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ
mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
11 Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,
wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no.
Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim
na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
12 Mɛma Nil ho asutene awewe
na matɔn asase no ama nipabɔne;
menam ananafoɔ so
bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.
Me Awurade na maka.
 
13 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsɛe ahoni no
na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ.
Misraim renya mmapɔmma bio,
na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.
14 Mɛsɛe Misraim Atifi,
ato Soan mu ogya
na matwe Tebes aso.
15 Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so
Misraim banbɔ denden no,
na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
16 Mɛto Misraim mu ogya;
Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu.
Ahum bɛbu afa Tebes so;
na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.
17 Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ
bɛtotɔ wɔ akofena ano,
na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
18 Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,
sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a;
ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ.
Omununkum bɛkata ne so,
na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.
19 Ɛno enti mɛtwe Misraim aso,
na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
20 Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu. 22 Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam. 23 Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. 24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne. 25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no. 26 Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”