29
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim
Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.
“ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao
asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’ ”
Woka sɛ, “Nil yɛ me dea;
meyɛ maa me ho.”
Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu
na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu
afenfam wo ho.
Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu,
a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so,
wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa.
Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu
a wɔrempagya wo bio.
Mede wo bɛma asase so mmoa
ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.
Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no.
 
“ ‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie. Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.
“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade.
“ ‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti 10 me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so. 11 Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan. 12 Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.
13 “ ‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so. 14 Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi. 15 Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so. 16 Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’ ”
17 Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. 19 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm. 20 Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
21 “Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”