3
Paulo, Amanamanmufoɔ Ɔsɛmpakafoɔ
Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.
Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no. Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no. Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ. Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ, na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu. 10 Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ, 11 sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ hɔ daa no. 12 Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim. 13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.
Wɔbɔ Mpaeɛ Ma Efesofoɔ
14 Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim, 15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so. 16 Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ 18 mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase, 19 na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
20 Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so. 21 Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen.