4
Baakoyɛ Wɔ Kristo Mu
Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu. Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako, Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no. Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no,
ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho;
na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ. 10 Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma. 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ. 12 Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso 13 kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu.
14 Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16 Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
Hann Mma Asetena
17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi, 18 na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene. 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.
20 Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. 22 Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. 23 Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, 24 na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.
25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu. 26 Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. 27 Mma ɔbonsam kwan. 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
29 Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ. 30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. 31 Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. 32 Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.