5
Serubabel Sane Bɛsiesie Asɔredan No
Saa ɛberɛ no, adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Onyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tieeɛ, hyɛɛ aseɛ sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.
Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” Wɔsane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. Nanso, ɛsiane sɛ na wɔn Onyankopɔn hwɛ wɔn so enti, wɔansi Yudafoɔ ntuanofoɔ no dansie no ho kwan, kɔsii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdanee Dario, ma ɔsesaa nʼadwene.
Yei ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanimfoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no bi twerɛ kɔmaa ɔhene Dario: Yɛkyea wo, ɔhene Dario.
Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.
Yɛbisaa ntuanofoɔ no sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” 10 Na yɛbisaa wɔn adwumayɛfoɔ din sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ wo wɔn ntuanofoɔ.
11 Wɔn mmuaeɛ nie:
 
“Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no. 12 Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia.
13 “Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14 Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. 15 Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.
16 “Enti, Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Ɛfiri saa ɛberɛ no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wɔnwieeɛ.”
 
17 Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.