4
Atamfoɔ Sɔre Tia Asɔredan No Nsiesie
Yuda ne Benyamin* atamfoɔ no tee sɛ wɔn a wɔatwa wɔn asuo no resiesie Awurade, Israel Onyankopɔn, asɔredan no. Enti, wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofoɔ no a aka no nkyɛn, na wɔkaa sɛ, “Momma yɛne mo nsi, ɛfiri sɛ, yɛsom mo Onyankopɔn sɛdeɛ mosom no no. Ɛfiri ɛberɛ a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔdeɛ ama no.”
Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofoɔ bi buaa sɛ, “Monni kyɛfa wɔ saa dwuma yi die mu, ɛfiri sɛ, yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yɛbɛsi Awurade, Israel Onyankopɔn asɔredan no sɛdeɛ Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.”
Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho. Wɔhyɛɛ ananmusifoɔ bi afonom sɛ wɔntia wɔn na wɔnsɛe wɔn botaeɛ. Yei kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahennie nyinaa mu, kɔsii ɛberɛ a Persiahene Dario bɛdii ahennwa no.
Ɛberɛ a Ahasweros dii adeɛ mfeɛ kakra bi akyi no, Yudafoɔ atamfoɔ twerɛɛ no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.
Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta berɛ so no, Yuda atamfoɔ a Bislam, Mitredat ne Tabeel di animu, twerɛɛ krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ aseɛ kyerɛɛ ɔhene no.
Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛdeɛ ɔman Yerusalem mu teɛ.
Wɔkyeaa ɔhene no, ma ɛkɔtoo wɔn adɔmfoɔ, atemmufoɔ ne ɔman no mu ntuanofoɔ, Tarpela ɔmanfoɔ, Persiafoɔ, Babiloniafoɔ ne Elamfoɔ. 10 Wɔsane kyeaa nnipa a aka no a ɔkɛseɛ ne otitire Asurbanipa atwa wɔn asuo, de wɔn akɔgu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no so no.
11 Yei yɛ krataa no nsɛso a wɔde kɔmaa no:
Ɛfiri wʼasomfoɔ nokwafoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nkyɛn de kɔma Artasasta:
12 Yɛsrɛ wo, yɛrebɔ wo amaneɛ sɛ, Yudafoɔ a wɔfiri Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie adɔnyɛfoɔ ne abɔnefoɔ kuro no. Wɔato afasuo no fapem dada, na ɛrenkyɛre na wɔawie.
13 Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi ne nʼafasuo no wie a, ɛremmoa wo koraa, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ no rentua wɔn toɔ ne adwadeɛ biara mma wo. 14 Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfoɔ nokwafoɔ enti, yɛmpɛ sɛ wʼanim bɛgu ase wɔ saa kwan yi so, enti na yɛrebɔ wo saa amaneɛ yi. 15 Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hunu sɛdeɛ saa kuro yi yɛɛ adɔnyɛ kuro tete no. Nokorɛ nie, wɔsɛee no, ɛsiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛɛ sɛ wɔdi wɔn so no enti. 16 Yɛpae mu ka sɛ, sɛ wɔsiesie kuro yi na wɔwie nʼafasuo no a, wobɛhwere asuo Eufrate atɔeɛ fam asase no.
17 Artasasta mmuaeɛ nie:
Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa.
18 Mekyea mo nyinaa. Krataa a motwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ, akenkan akyerɛ me. 19 Mahyɛ sɛ, wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu, na mahunu sɛ, ampa ara, mmerɛ bi a atwam no, na Yerusalem yɛ adɔnyɛman a ɛtiaa ahemfo bebree. Nokorɛm, sɛ wɔsɔre tia tumi, na ɔmantuguo yɛ adeɛ a wɔyɛ daa wɔ hɔ. 20 Ahemfo atumfoɔ a adi adeɛ Yerusalem ne asuo Eufrate atɔeɛ fam nyinaa agye toɔ ne adwadeɛ bebree. 21 Ɛno enti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔsiesie kuro no, gye sɛ mema ho kwan. 22 Monntwentwɛn so koraa, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.
23 Ɛberɛ a wɔkenkan saa krataa a ɛfiri ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfoɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafoɔ, ma wɔgyaee dansie no.
 
24 Wɔgyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ deɛ aduru hɔ ara, kɔsii Persiahene Dario ahennie mfeɛ a ɛtɔ so mmienu so.
* 4:1 4.1 Na Benyaminfoɔ yɛ Samariafoɔ.