24
Israelfoɔ Gye Apam No To Mu
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twe bɛn bepɔ no koraa.”
Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.” Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.
Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu. Afei, ɔsomaa mmabunu a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma Awurade. Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so. Ɔkan nwoma a watwerɛ a ɛyɛ Apam Nwoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio sɛ, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi mmara no nyinaa so.”
Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so. 10 Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn. 11 Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
13 Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so. 14 Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.”
15 Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16 Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ. 18 Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.