25
Hyiadan Afɔrebɔ
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔmmɔ afɔdeɛ mma me.
 
“Saa nneɛma a ɛdidi so yi mu na wɔmfiri mmɔ me afɔdeɛ no:
 
“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,
ntoma tuntum, koogyan bibire tam; koogyan tam, serekye,
abirekyie ho nwi,
odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyie nwoma a wɔahyɛ,
okuo dua,
kanea ngo,
ɔsra ngo, nnuhwam a wɔhyeɛ,
apopobibirieboɔ, aboɔdemmoɔ a wɔde bɛtuatua asɔfotadeɛ* ne adaaboɔ no mu.
 
“Mepɛ sɛ Israelfoɔ si asɔredan kronkron ma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi atena wɔn mu. Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi.
Apam Adaka No Yɛbea
10 “Momfa okuo dua nyɛ Apam Adaka a ne ntentenemu yɛ basafa baako ne fa, ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra na ne korɔn nso nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. 11 Na momfa sikakɔkɔɔ mapa nnura ɛho ne emu nyinaa. 12 Momfa sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan nhyehyɛ adaka no nan ɛnan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkawa no mmienu nkɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso nkɔ ɛfa. 13 Fa okuo sene mpoma, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho, 14 na fa hyehyɛ nkawa no mu na wɔde apam adaka no asoa. 15 Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. 16 Mowie adaka no a, momfa ɛboɔ a matwerɛ Mmaransɛm Edu no agu so no nto mu.
17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛha ne beaeɛ a mobɛnya mo bɔne so ahummɔborɔ. 18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ Kerubim mmienu. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkatasoɔ atifi na momfa ɔbaako nsi anafoɔ. 19 Fa Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ na ɛne adaka no nkatasoɔ no nyɛ mua. 20 Kerubim a wɔyɛ abɔfoɔ no bɛdi nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpatadwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so. 21 Momfa ɛboɔ twerɛpono a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. 22 Na mɛhyia mo wɔ hɔ na makasa afiri mpata beaeɛ wɔ soro hɔ afa abɔfoɔ no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfoɔ no adi akyerɛ mo.
Ɛpono No Yɛbea
23 “Momfa okuo dua nyɛ ɛpono a ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa. 24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankra ntwa ho nhyia. 25 Yɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankra fa ho. 26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na fa nkawa ɛnan no tuatua ne nan ɛnan no biara akyi 27 twɛtwɛwaso wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkawa no mu na wɔde apagya ɛpono no asoa. 28 Fa okuo yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. 29 Momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ nwowaa, ntere, nhina ne nsatoa. 30 Ɛda biara, fa burodo to ɛpono no so wɔ mʼanim.
Kaneadua Yɛbea
31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako. 32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no bɛnya nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa. 33 Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho. 34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwini mfa nsiesie no. 35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. 36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ adeɛ fua a wɔde sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro ayɛ.
37 “Monyɛ nkanea dua ntuatuaho nson wɔ kaneadua no ho wɔ ɛkwan bi so a ne hyerɛn no bɛto ne hann agu nʼanim. 38 Kanea ntomaban akapɛ no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ. 39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan na ɛho bɛhia sɛ mode yɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. 40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ merekyerɛ mo wɔ bepɔ so ha yi no.
* 25:7 25.7 asɔfotadeɛ yuu no, ɔsɔfopanin no nko ara na ɔhyɛ (28.6-14).