26
Ahyiaeɛ Ntomadan Ho Nhyehyɛeɛ
“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no. Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia. Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara. Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu. Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu. Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako.
“Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so. Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia. Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano. 10 Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano. 11 Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. 12 Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi, 13 na anammɔn baako ne fa nso asensɛn animu. 14 Momfa nneɛma ahodoɔ mmienu mmɔ ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no nyɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu nyɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.
15 “Fa okuo yɛ ntaaboo na fatwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho. 16 Taaboo biara ɔsorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra. 17 Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ. 18 Mobɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafoɔ. 19 Wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so; nsisisoɔ no mmienu mmienu nhyehyɛ taaboo biara ase. 20 Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. 21 Ɛno nso wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so. 22 Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na wɔde bɛtwa ho 23 a ntaaboo mmienu sisi ntwea biara. 24 Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam. 25 Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.
26 “Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako, 27 na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no. 28 Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire. 29 Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
30 “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
31 “Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no. 32 Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so. 33 Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. 34 Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. 35 Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi.
36 “Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano. 37 Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.