14
Abram Gye Lot
Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal berɛ so, na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako. Saa ahemfo yi a ɛyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Sidim subɔnhwa a ɛno ne Nkyene Ɛpo no mu. Wɔsomm Kedorlaomer mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu no, wɔtee atua.
Afe akyiri no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfoɔ,* a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifoɔ a wɔwɔ Ham ne Emifoɔ a wɔwɔ Kiriataim ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no. Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa.
Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔn ne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a akyire yi, wɔfrɛ no Soar no kɔɔ saa ahemfo baanan yi a wɔn ne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wɔkɔhyiaa wɔ Sidim subɔnhwa mu. 10 Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so. 11 Ahemfo baanan a wɔdii nkonim no fom Sodom ne Gomorafoɔ ahodeɛ ne wɔn nnuane nyinaa de kɔeɛ. 12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ.
13 Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no. 14 Ɛberɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fiefoɔ nnipa ahasa ne dunwɔtwe a wɔatete wɔn sɛ akofoɔ ano, ma wɔtii atamfoɔ no, kɔsii kuro bi a wɔfrɛ no Dan mu. 15 Ɛda no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakodɔm no mu, ma wɔto hyɛɛ atamfoɔ no so, kunkumm wɔn, taa wɔn kɔduruu kuro bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu. 16 Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ.
17 Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu.
18 Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no. 19 Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ:
“Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase,
nhyira nka wo, Abram.
20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,
a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.”
Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.
21 Afei, Sodomhene ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me kɛkɛ, na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”
22 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ, 23 Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa ahoma baako anaa mpaboa so ahoma mpo, mfiri wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Merennye hwee mfiri wo nkyɛn, gye deɛ me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfoɔ Aner, Eskol ne Mamrɛ deɛ, ma wɔn wɔn kyɛfa.”
* 14:5 14.5 Refaimfoɔ asekyerɛ ne “nnipa abrane.” 14:18 14.18 Salem yɛ Yerusalem tete din.