15
Onyankopɔn Ne Abram Apam
Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ,
“Abram, nsuro.
Meyɛ wo kyɛm.
Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?” Na Abram toaa so sɛ, “Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no wɔ me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ.”
Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.” Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.”
Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee.
Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.”
Nanso, Abram kaa sɛ, “Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu sɛ, asase no bɛyɛ me dea?”
Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
10 Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu hɔ. Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. 11 Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn.
12 Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so. 13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan. 14 Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefoɔ. 15 Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu. 16 Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.”
17 Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi sɛ ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam. 18 Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ. 19 Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ, 20 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, 21 Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no.”