10
Nsonsonoeɛ A Ɛda Foforɔ Ne Dada No Ntam
Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da. Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa. Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.
Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ:
“Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ
nanso woasiesie ɔhonam ama me.
Wʼani nnnye
ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ
sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’ ”
Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.
11 Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne. 12 Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13 Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ. 14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa.
15 Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ,
16 “Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam
wɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu
na matwerɛ agu wɔn adwene mu.”
17 Na afei waka sɛ,
“Merenkae wɔn bɔne
ne wɔn amumuyɛ bio.”
18 Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.
Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn
19 Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn. 21 Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. 22 Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho. 23 Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ. 24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25 Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.
26 Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn. 27 Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn. 28 Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ. 29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa. 30 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.” 31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ. 33 Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho. 34 Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. 35 Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
36 Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37 Ɛfiri sɛ,
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa
na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba;
ɔrentwentwɛn.
38 Na,
“Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,
na sɛ ɔtwe ne ho a,
me kra ani rensɔ no.”
39 Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.