11
Onyankopɔn Ma Gyidie
Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerɛhyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nnhunu mu. Gyidie a na tetefoɔ no wɔ enti na wɔnyaa adanseɛ pa.
Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu.
Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa.
Gyidie enti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhunu owuo. Obiara anhunu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no kɔeɛ. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.
Gyidie enti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a ebi nsii da no, ɔtiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu ewiase fɔ, na Noa deɛ, ne nsa kaa tenenee a wɔnya firi gyidie mu.
Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ. Gyidie enti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu. 10 Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. 11 Gyidie enti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, ɛberɛ a na wanyini na ɔntumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. 12 Ɛno enti, ɛwom sɛ na Abraham regye nna awu, nanso nʼasefoɔ adɔɔso sɛ ewiem nsoromma ne mpoano anwea.
13 Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no deɛ, nanso wɔhunuu no akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so. 14 Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn ɔman. 15 Wɔannwene ɔman a wɔgyaa wɔ wɔn akyire no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wɔbɛtumi anya ɛkwan asane wɔn akyi akɔ hɔ. 16 Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro ɔman no na na wɔpere kɔ mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn.
17 Gyidie enti, Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ. 18 Na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” 19 Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane awufoɔ afiri owuo mu, na ɛkwan bi so no, yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn nyanee Isak firii owuo mu.
20 Gyidie enti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.
21 Gyidie enti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewuo. Ɔkuraa ne poma mu sɔree Onyankopɔn.
22 Gyidie enti na Yosef rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔbɛtu afiri Misraim, na ɔhyɛɛ deɛ sɛ ɔwu a, wɔnyɛ nʼamu no.
23 Gyidie enti na ɛmaa Mose awoɔ akyi no, nʼawofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa no. Wɔhunuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wɔbɛbu ɔhene no mmara so.
24 Gyidie enti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no. 25 Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi. 26 Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Kristo a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye. 27 Gyidie enti na ɛmaa Mose tu firii Misraim a na ɔnsuro ɔhene no abufuo. Ɔmiaa nʼani sɛ ɔrensane nʼakyi ɛfiri sɛ na wahunu Onyankopɔn a obi nhunu no no. 28 Gyidie enti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsɛebɔfoɔ no renkum Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima no.
29 Gyidie enti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so.
30 Gyidie enti na Israelfoɔ de nnanson twaa Yeriko afasuo ho hyiaeɛ no, ɛdwiri guiɛ.
31 Gyidie enti na wɔankum adwaman Rahab amfra wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no, ɛfiri sɛ, ɔgyee akwansrafoɔ no fɛ so.
Gyidie Foforɔ Bi
32 Afei ɛdeɛn na menka? Ɛberɛ bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm. 33 Wɔnam gyidie so koo aman dii nkonim ma wɔn nsa kaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34 dumm ogyaframa, tetee wɔn ho firii akofenawuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so. 35 Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so. 36 Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37 Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane. 38 Ewiase yi annyɛ amma wɔn. Wɔkyinkyinii sɛ atutenafoɔ wɔ ɛserɛ so ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.
39 Wɔdii yeinom nyinaa ho adanseɛ pa wɔ wɔn gyidie ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, 40 ɛfiri sɛ, Onyankopɔn wɔ tirimupɔ papa bi ma yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbom anya bɔhyɛ no.