3
Akristofoɔ Yɛ Onyankopɔn Efie
Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, monnwene Yesu a Onyankopɔn somaa no maa ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfopanin wɔ gyidie a yɛka ho asɛm no ho. Na ɔdii Onyankopɔn a ɔyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii nokorɛ wɔ Onyankopɔn fie no. Onipa a ɔsi efie nya animuonyam sene efie no ankasa. Saa ara na ɛteɛ; ɛsɛ sɛ Yesu nya animuonyam sene Mose. Efie biara, obi na ɔsiiɛ. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. Mose dii Onyankopɔn nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ wɔ ne fie na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. Nanso Kristo deɛ, ɔdi nokorɛ sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidie wɔ yɛn anidasoɔ mu a, na yɛyɛ ne fiefoɔ.
Enti Honhom Kronkron no ka sɛ,
“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,
monnyɛ asoɔden
te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no;
sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.
Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ no hwɛeɛ,
nanso wɔhunuu deɛ meyɛɛ no mfeɛ aduanan mu.
10 Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ,
‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,
na wɔanhunu mʼakwan.’
11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,
‘Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.’ ”
12 Me nuanom monhwɛ yie na mo mu bi annya akoma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho. 13 Na mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden enti, da biara mommoaboa mo ho mo ho ɛberɛ a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Atwerɛsɛm mu no fa yɛn ho no. 14 Na sɛ yɛsɔ gyidie a yɛwɔ no mu denden sɛdeɛ yɛde firi ahyɛaseɛ no a, na yɛyɛ Kristo fafafoɔ. 15 Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a,
monnyɛ asoɔden
te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”
16 Ɛhefoɔ na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim firi Misraim no nyinaa. 17 Ɛhefoɔ na Onyankopɔn bo fuu wɔn mfirinhyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtete hwe wuwuu wɔ ɛserɛ so no. 18 Ɛberɛ a Onyankopɔn kaa ntam sɛ, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefoɔ? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. 19 Afei, yɛhunu sɛ wɔantumi ankɔ home no mu, ɛfiri sɛ, wɔannye anni.