4
Homebea Foforɔ
Afei, ɛsiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home da so wɔ hɔ enti, momma yɛnhwɛ yie na mo mu bi antɔ sini wɔ mu. Ɛfiri sɛ wɔaka Asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso, wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔtiee no no annye anni. Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa home no mu*
sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ, “Enti mefiri mʼabufuo mu ka ntam sɛ,
‘Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.’ ”
Ɔkaa saa asɛm yi deɛ, nanso ɛfiri ɛberɛ a ɔbɔɔ ewiase no, na wawie ɔhome dwumadie no dada. Na Atwerɛsɛm no mu baabi wɔka biribi fa da a ɛtɔ so nson no ho sɛ, “Ɛda a ɛtɔ so nson no, Onyankopɔn home firii ne nnwuma nyinaa mu.” Wɔkaa saa asɛm korɔ yi ara bio sɛ, “Wɔrenhyɛne asase a anka mede wɔn rekɔ mu no da.”
Wɔn a wɔdii ɛkan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, ɛfiri sɛ, wɔannye anni. Afoforɔ bi nso wɔ hɔ a wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnnya ahome no. Enti Onyankopɔn aka sɛ wayi ɛda bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ.” Mfeɛ bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
“Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a
mommpirim mo akoma.”
Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm. Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no. 10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no. 11 Enti, momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛdeɛ wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no.
12 Onyankopɔn asɛm yɛ nkwa, na tumi wɔ mu. Ɛyɛ nnam sene sekan anofanu. Ɛhwire mu kɔsi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔ ne ɛhon mu. Ɛda yɛn akoma mu ne yɛn adwene mu nsusuiɛ nyinaa adi. 13 Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yie. Abɔdeɛ mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ho akonta kyerɛ no.
Yesu Yɛn Sɔfopanin
14 Ɛno enti, momma yɛnsɔ gyidie a yɛka ho asɛm no mu den. Ɛfiri sɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanin kɛseɛ wɔ Onyankopɔn anim. 15 Yɛnni sɔfopanin bi a ɔntumi nhwɛ yɛn mmerɛyɛ ho nhunu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ akwan ahodoɔ nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. 16 Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ahennwa a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.
* 4:3 4.3 Sɛdeɛ wɔrewura Kanaan akɔgye home a gyidie de ba no, saa ara na nkwagyeɛ nso teɛ. 4:12 4.12 Yesu na ɔbɛyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. Yoh 1.1,14) 4:16 4.16 Ɛsiane sɛ Kristo yɛn Sɔfopanin ahyia sɔhwɛ enti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yɛnya sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔborɔ bɛboa yɛn. (2.10)