2
Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn.
Mɛbɔ nsra
na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me,
ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.
Awurade Mmuaeɛ Foforɔ
Afei, Awurade buaa sɛ,
“Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so
ma emu nna hɔ pefee
ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.
Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi;
ɛka awieeɛ ho asɛm
na ɛbɛba mu.
Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn,
ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.
 
 
“Hwɛ, wama ne ho so;
nʼapɛdeɛ ntene,
nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
Nokorɛm, nsã ayi no ama
wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.
Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena
na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti
ɔfom aman no nyinaa
na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.
“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ,
“ ‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano,
na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!
Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’
Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so.
Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo
na wɔbɛtwi afa wo so.
Esiane sɛ woafo aman bebree enti,
wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi.
Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
 
“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman,
a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea,
sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.
10 Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina,
de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.
11 Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam
na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu.
 
12 “Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn
na ɔnam awudie so kyekyere kuro.
13 Asafo Awurade ahyɛ sɛ,
nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye.
Aman no brɛ gu kwa. 14 Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,
sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.
 
15 “Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,
Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro,
na afei woahwɛ wɔn adagya.
16 Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.
Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan.
Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,
Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so
17 Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,
ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.
Woaka nnipa mogya agu;
woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
 
18 “Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?
Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?
Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;
na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
19 Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’
Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’
Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ?
Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;
nanso ahomeɛ nni mu.”
 
20 Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu.
Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.