3
Habakuk Mpaeɛbɔ
Saa mpaeɛbɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,
na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho,
Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so.
Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu.
Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
 
Onyankopɔn firi Teman baeɛ,
Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so,
Nʼanimuonyam kata ɔsoro,
na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.
Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia.
Ɛhan no twa ogya firi ne nsam,
Ɛhɔ na ne tumi ahinta.
Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ;
Na nsaneyadeɛ di nʼakyi pɛɛ.
Sɛ ɔgyina a, asase woso.
Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso.
Tete mmepɔ dwiri,
na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so.
Nʼakwan nntwa mu da.
Mehunuu Kusanfoɔ ntomadan a ateteɛ
ne Midianfoɔ* atenaeɛ a agyigya.
Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?
Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?
Wosɔre tiaa ɛpo,
ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔ
ne nkonimdie nteaseɛnam nam.
Woyii wo tadua,
Wobisaa sɛ wɔmmrɛ wo agyan bebree.
Wode nsubɔntene paapae asase mu.
10 Mmepɔ hunuu wo, na wɔwosoeɛ
Nsuohwiam bɛsene kɔeɛ.
Ebunu no woro so,
na ɛhuru baa soro.
11 Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ,
ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann no
ne wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.
12 Wʼabufuhyeɛ mu no, wonante twaa asase so
na wode abufuo tiatiaa aman no so.
13 Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ,
na woagye deɛ wɔasra no no nkwa.
Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ,
wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.
14 Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu,
ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.
Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre
mmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.
15 Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa ɛpo no mu,
ma nsuo kɛseɛ no huruiɛ.
16 Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ,
nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri;
aporɔ hyɛnee me nnompe mu,
na me nan wosoeɛ.
Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛ
amanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.
17 Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,
na aba nso nni bobe no so;
ɛwom, ngo dua no adi hwammɔ
na mfuo no mmɔ aduane.
Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,
na anantwie nso nni ban no mu.
18 Nanso, mʼani bɛgye Awurade mu;
me ho bɛsɛpɛ me wɔ Onyankopɔn a
ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
 
19 Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden.
Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,
ɔma me nante sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.
* 3:7 3.7 Kusan…Midian—Wɔyɛ Arabia mmusuakuo. Awerɛhoɔ…ahoyera—Ɛberɛ a wɔyii Israelfoɔ firii Misraim nkoasom mu no, nnipa a wɔbemmɛn wɔn no bɔɔ hu. (2 Mose 15.14-16; Yos 2.9-10).