6
Israel Nni Ahonu
“Mommra, momma yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
Wɔatete yɛn mu asinasini
nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ.
Wapirapira yɛn
nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro.
Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden;
nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ
na yɛanya nkwa wɔ nʼanim.
Momma yɛnnye Awurade nto mu;
momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu.
Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue;
ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu
anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.”
 
“Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim?
Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda?
Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ,
ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera.
Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini,
mede mʼanum nsɛm kunkumm mo;
mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam.
Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ,
mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ.
Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ.
Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn
a mogya anammɔn akeka hɔ.
Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no
saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ;
wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so
yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ.
10 Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie.
Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu
Israel gu ne ho fi.
 
11 “Na wo Yuda nso,
wɔahyɛ otwa berɛ ama wo.
 
“Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn,