7
ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,
Efraim nnebɔne da adi.
Samaria awurukasɛm nso daa adi.
Wɔyɛ nnaadaafoɔ
akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu,
ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.
Na wɔnhunu sɛ
mekae wɔn nnebɔne nyinaa.
Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;
ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.
 
“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,
na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.
Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ
a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu.
Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya
ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.
Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no
ahenemma boro nsã,
na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.
Wɔn akoma te sɛ fononoo;
wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim.
Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;
adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.
Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo.
Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ.
Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase
na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.
 
“Efraim ne aman no adi afra
Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.
Ananafoɔ twe nʼahoɔden,
nanso ɔnhunu.
Ɛdwono aba ne tiri so,
nanso nʼani mmaa so.
10 Israel ahantan di adanseɛ tia no,
nanso yei nyinaa akyi no
ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn,
na ɔnhwehwɛ no nso.
 
11 “Efraim te sɛ aborɔnoma a
wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene.
Ɔfrɛ Misraim,
na wadane akɔ Asiria.
12 Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so;
atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa.
Sɛ mete sɛ wɔretu abom a,
mɛkyere wɔn.
13 Nnome nka wɔn,
ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho!
Ɔsɛeɛ mmra wɔn so,
ɛfiri sɛ wɔate me so atua!
Anka mepɛ sɛ megye wɔn
nanso wotwa atorɔ fa me ho.
14 Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me
mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so.
Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ,
nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.
15 Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den,
nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.
16 Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no;
wɔte sɛ tadua a asɛeɛ,
wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano
ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so.
Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ
wɔ Misraim asase so.