9
Israel Asotwe
Nni ahurisie, Ao Israel;
nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no.
Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ,
wʼani gye adwamammɔ ho
wɔ ayuporobea nyinaa so.
Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane;
nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.
Wɔrentena Awurade asase no so bio;
Efraim bɛsane akɔ Misraim
na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.
Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade,
na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.
Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka;
wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi.
Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea
na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no
ne Awurade afahyɛ nna no nso?
Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a
Misraim bɛboaboa wɔn ano,
na Memfis bɛsie wɔn.
Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira,
na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.
Asotwe nna no reba,
akontabuo nna no aduru;
ma Israel nhunu yei.
Esiane mo bɔne bebrebe
ne mo akokoakoko a adɔɔso enti
mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea
na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.
Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn
yɛ Efraim so wɛmfoɔ,
nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so,
na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.
Wɔaduru porɔeɛ bunu mu,
sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu.
Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
 
10 “Ɛberɛ a mehunuu Israel no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so;
ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so.
Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no
wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.
Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.
11 Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa,
nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu.
12 Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a,
mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.
Wɔnnue,
sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!
13 Mahunu Efraim te sɛ Tiro,
a ɛda baabi a ɛyɛ.
Nanso Efraim de ne mma
bɛbrɛ okumfoɔ no.”
 
14 Fa ma wɔn, Ao, Awurade,
ɛdeɛn na wode bɛma wɔn?
Ma wɔn yafunu a ɛpɔn
ne nufoɔ a nufosuo nni muo.
 
15 “Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti,
mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.
Wɔn nnebɔne enti
mɛpam wɔn afiri me fie.
Merennɔ wɔn bio;
ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.
16 Efraim agyigya,
ne nhini akusa,
enti wɔnso aba.
Sɛ wɔwo mma mpo a,
mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
 
17 Me Onyankopɔn bɛpo wɔn,
ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no;
Wɔbɛkyinkyini aman no mu.