8
Israel Bɛtwa Ntwahoframa Aba
“Monhyɛn totorobɛnto!
Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so
ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so
na wɔasɔre atia me mmara.
Afei, Israel su frɛ me sɛ,
‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’
Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ;
ɔtamfoɔ bɛtaa no.
Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee
wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.
Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho
de sɛeɛ wɔn ankasa ho.
To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!
Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.
Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?
Wɔfiri Israel!
Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;
ɛnyɛ Onyankopɔn!
Wɔbɛbubu mu asinasini,
saa Samaria nantwie ba no.
 
“Wɔdua mframa
na wɔtwa ntwahoframa.
Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;
enti wɔrennya esam mfiri mu.
Sɛ ɛso aduane mpo a,
ahɔhoɔ na wɔbɛdi.
Wɔamene Israel;
afei ɔfra aman no mu
te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.
Na wɔakɔ Asiria
te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.
Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.
10 Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,
nanso mɛboaboa wɔn ano.
Wɔn so bɛfiri aseɛ ate
wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.
 
11 “Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,
ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.
12 Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,
nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.
13 Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ
na wɔwe ɛnam no,
nanso wɔnsɔ Awurade ani.
Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:
Wɔbɛsane akɔ Misraim.
14 Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ
na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;
Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.
Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya
a ɛbɛhye wɔn aban.”