10
Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu,
wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,
de tena ahiafoɔ ahofadie so,
de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden.
Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ
na wɔbɔ nwisiaa korɔno.
Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no,
ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba?
Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa?
Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?
Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu
anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu.
 
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,
na wama ne nsa so ayɛ krado.
Asiria Atemmuo A Ɛfiri Onyankopɔn
“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,
deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!
Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.
Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so
sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,
na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.
Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ
ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.
Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe,
sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.
Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?
Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa?
Hamat nte sɛ Arpad
na Samaria nte sɛ Damasko anaa?
10 Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ,
ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.
11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa,
sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ”
12 Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. 13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,
“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei,
na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ.
Mesɛee amanaman ahyeɛ.
Mefoo wɔn ademudeɛ;
mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.
14 Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no,
saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so;
sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no
saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano;
obiara ammɔ ne ntaban mu,
na wammue nʼano ansu.’ ”
 
15 Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?
Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa?
Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,
anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!
16 Afei Awurade, Asafo Awurade
de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no;
na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre
ahye wɔn animuonyam.
17 Israel Hann no bɛdane ogya.
Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ;
ɔde dakoro bɛhye na wasɛe
ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.
18 Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no,
ɛbɛsɛe pasapasa
te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.
19 Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi
a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.
Israel Nkaeɛfoɔ
20 Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,
Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no
remfa wɔn ho nto no so bio.
Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no
mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.
21 Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no
bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.
22 Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ,
nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba.
Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden
a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.
23 Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ
a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
24 Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,
“Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion
monnsuro Asiriafoɔ no,
wɔn a wɔde mmaa hwe mo
na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.
25 Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo
na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”
 
26 Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,
sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;
na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,
sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
27 Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;
wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;
wɔbubu kɔnnua no
na afiri mo so.
 
28 Wɔhyɛne Ayat;
wɔfa Migron;
na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.
29 Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ,
“yɛbɛda Geba anadwo yi.”
Rama ho popo;
Saulo kuro Gibea nso dwane.
30 Teaam Ɔbabaa Galim!
Tie, Ao Laisa!
Anatot Mmɔborɔni!
31 Madmena redwane;
Gebimfoɔ kɔtetɛ.
32 Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob;
wɔbɛwoso wɔn nsa
wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so
wɔ Yerusalem kokoɔ no so.
 
33 Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,
ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no.
Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam;
deɛ ɛwoware no bɛba fam.
34 Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam.
Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.