9
Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn
Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.
Nnipa a wɔnam sum mu
ahunu hann kɛseɛ;
wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,
hann bi apue wɔn so.
Woatrɛ ɔman no mu;
woama wɔn ani agye mmoroso;
wɔdi ahurisie wɔ wʼanim
sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,
sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn
wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.
Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,
saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;
saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma
a ɛda wɔn mmatire so.
Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa
ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no
wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye.
Wɔde bɛsɔ ogya.
Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabanin,
na amammuo no bɛda ne mmati so.
Na wɔbɛfrɛ no
Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,
Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.
Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ
bɛtena hɔ daa.
Ɔbɛtena Dawid ahennwa so
abu nʼahennie,
Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ
bɛhyɛ aseɛ na wama atim
afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.
Asafo Awurade mmɔdemmɔ
bɛyɛ yei.
Awurade Abufuo A Ɛtia Israel
Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no,
na ɛbɛka Israel.
Nnipa no nyinaa bɛhunu,
Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria
a wɔde ahohoahoa
ne ahomasoɔ akoma kasa no,
10 “Ntayaa no abubu agu fam
nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio.
Wɔabubu borɔdɔma nnua no
nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”
11 Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn,
na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.
12 Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam,
Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam,
abue wɔn anom amene Israel.
 
Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ
na ne nsa da so wɔ soro.
 
13 Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,
na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.
14 Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho
na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;
15 mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no,
na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.
16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa,
na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.
17 Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho,
na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ
ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ.
Ano biara ka ahuhusɛm.
 
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
 
18 Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya;
ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,
ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no,
na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.
19 Asafo Awurade abufuo so enti,
asase no bɛkyene
na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;
na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
20 Nifa so, wɔbɛfom aduane adi,
nanso ɛkɔm bɛde wɔn;
benkum so, wɔbɛdidi,
nanso wɔremmee.
Obiara bɛwe ne ba ɛnam.
21 Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase
na wɔbɛbɔ mu atia Yuda.
 
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ,
na wama ne nsa so ayɛ krado.