13
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia
Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:
Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi,
teaam frɛ wɔn:
nyama wɔn
ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.
Mahyɛ mʼahotefoɔ;
mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi,
wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.
 
Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so
te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ!
Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu,
te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!
Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.
Wɔfifiri akyirikyiri aman so,
wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so,
Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ;
bɛsɛe ɔman no nyinaa.
 
Twa adwo, na Awurade da no abɛn;
ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.
Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo,
obiara akoma bɛboto.
Wɔbɛbɔ hunu,
ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn;
wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,
a wɔn ani asosɔ ogya.
 
Hwɛ, Awurade da no reba
ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu,
ɛrebɛsɛe asase no
na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.
10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn.
Esum bɛduru owia a ɛrepue
na ɔsrane nso renhyerɛn.
11 Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti,
ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho.
Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so
na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.
12 Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa;
ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.
13 Enti mɛma ɔsoro awoso;
na asase ahinhim wɔ ne siberɛ
wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano,
nʼabufuhyeɛ da no.
 
14 Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane,
anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan,
saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ.
Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.
15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no;
wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano.
16 Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:
wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.
 
17 Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn,
wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee
na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;
wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ
na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.
19 Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,
animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,
Onyankopɔn bɛdane abutu
te sɛ Sodom ne Gomora.
20 Nnipa rentena hɔ bio
awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ;
odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.
21 Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ.
Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma;
ɛhɔ na apatuo bɛtena,
ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.
22 Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu,
sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma.
Ne berɛ aso,
na wɔrento ne nna mu.