14
Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;
ɔbɛsane afa Israel
na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.
Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho
na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
Amanaman bɛfa wɔn
de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.
Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea
sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.
Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum
na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.
Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ:
hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!
Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!
Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu,
sodifoɔ ahempoma no,
deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn
toatoaa so hwehwee fam,
na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu
de brɛɛ amanaman no ase.
Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu;
na wɔto dwom.
Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro
nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ,
“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,
duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”
 
Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho
abɛhyia wo kwan;
ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom
sɛ wɔmmɛma wo akwaaba,
wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,
ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,
wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
10 Wɔn nyinaa bɛgye so,
wɔbɛka akyerɛ wo sɛ,
“Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn;
woayɛ sɛ yɛn ara.”
11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,
ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;
wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo
na asonsono akata wo so.
 
12 Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,
Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!
Wɔato wo abɛhwe asase so,
wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!
13 Wokaa no wʼakoma mu sɛ,
“Mɛforo akɔ soro;
mɛma mʼahennwa so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,
deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
14 Mɛforo atra omununkum atifi;
mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
15 Nanso wɔde wo abɛto damena mu,
amena donkudonku ase tɔnn.
 
16 Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,
wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,
“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase
na ɔmaa ahennie ho popooeɛ,
17 ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,
deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ
na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
 
18 Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara
wɔ ne da mu.
19 Nanso wɔapam wo afiri wo da mu
te sɛ duban a wɔapoɔ;
wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,
wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano,
wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu,
te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.
20 Wɔrensie wo nka wɔn ho,
ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase
na wakunkum wo nkurɔfoɔ.
 
 
Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no
wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
21 Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima
wɔ wɔn agyanom bɔne nti;
ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so
na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
 
22 “Mɛsɔre atia wɔn,”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,
ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
23 “Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ
ne ɔwora;
mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Asiria
24 Asafo Awurade aka ntam sɛ,
“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,
na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.
25 Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;
mɛtiatia ne so me mmepɔ so.
Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,
na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
 
26 Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa;
yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.
27 Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?
Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistifoɔ
28 Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:
29 Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ,
sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;
saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba,
na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.
30 Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea,
na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu.
Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase;
ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.
 
31 Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn!
Monnwane, mo Filistifoɔ!
Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba,
na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
32 Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma
saa ɔman no ananmusifoɔ?
Awurade de Sion atim hɔ.
Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”