16
Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔ
nkɔma asase no sodifoɔ,
ɛfiri Sela fa anweatam no so,
kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so.
Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo mu
na wɔtu nenam ewiem no,
saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛ
wɔ Arnon asutwareɛ.
 
“Mommoa yɛn,
mommɔ yɛn ho ban.
Momfa yɛn nsie.
Monnyi atukɔtenafoɔ no mma.
Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena;
monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.”
 
Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ
na adesɛeɛ to bɛtwa;
opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so.
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi;
ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so,
obi a ɔfiri Dawid efie,
deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee
na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
 
Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,
nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn,
nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden,
nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu.
Enti Moabfoɔ twa adwo,
wɔbɔ mu su ma Moab.
Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo
wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.
Hesbon mfuo no hye,
Sibma bobe mfuo nso saa ara.
Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so,
deɛ kane na wɔde kɔ Yaser
na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no.
Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ.
Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo,
de ma Sibma bobe mfuo.
Ao Hesbon, Ao Eleale,
mesu mo bebree!
Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie
ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.
10 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu;
obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu;
obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so,
ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ.
11 Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho
te sɛ sankuten so kwadwom;
na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12 Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a,
ɔha ne ho kwa;
sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a,
ɛrenkɔsi hwee.
13 Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho. 14 Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.”