15
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab
Adehunu a ɛfa Moab ho:
Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab
anadwo koro pɛ!
Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab
anadwo koro pɛ!*
Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.
Wɔayi eti biara so nwi
na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.
Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ
wɔn nyinaa retwa adwo,
wɔdeda fam na wɔsu.
Hesbon ne Eleale teaam su,
wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.
Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,
na wɔabotoboto.
 
Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;
nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim ɛkwan so nso
wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.
Nimrim nsuwansuwa awewe
na ɛserɛ no ahye
afifideɛ nyinaa ayera
na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.
Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no
wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.
Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;
wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim
na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.
Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa
nanso mɛkɔ so ne no adi.
Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so
ne wɔn a wɔbɛka asase no so.
 
 
* 15:1 15.1 Ar ne Kir yɛ Moabfoɔ nkuro atitire mmienu.