24
Asase Sɛeɛ A Ɛfiri Awurade
Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan
na wasɛe no;
ɔbɛsɛe asase ani
na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,
ɛbɛyɛ saa ara
ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,
ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,
ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,
ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,
ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,
ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.
Asase bɛda mpan koraa,
na wɔafom ɛso nneɛma.
Awurade na waka saa asɛm yi.
 
Asase so yɛ wesee, na ɛkusa
ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa,
deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.
Asase so nnipa agu ne ho fi;
wɔanni mmara no so,
wɔabu ahyɛdeɛ no so
na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
Enti, nnome amene asase no
ɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua
ne saa enti wɔahye asase no so nnipa,
na kakra bi pɛ na aka.
Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan;
wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.
Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae,
ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae.
Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.
Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio;
mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.
10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;
wɔatoto efie biara apono mu.
11 Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so;
ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ,
anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
12 Kuropɔn no asɛe,
wɔabubu nʼapono mu nketenkete.
13 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so
ne amanaman no mu,
sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ,
anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no.
 
14 Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam;
ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
15 Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam;
momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no,
wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.
16 Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ,
“Animuonyam nka Ɔteneneeni no.”
 
Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba!
Me nnue!
Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ!
Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”
17 Ehu, amena ne afidie retwɛn mo,
Ao nnipa a mote asase soɔ.
18 Deɛ ehu enti ɔdwane no,
ɔbɛtɔ amena mu;
deɛ ɔforo firi amena mu no,
afidie bɛyi no.
 
Wɔabue nsuo apono wɔ soro,
na asase nnyinasoɔ woso.
19 Wɔadwiri asase no
na emu apaapae,
na asase awoso ankasa.
20 Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ.
Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano;
nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no
na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
 
21 Saa ɛda no, Awurade bɛtwe
ɔsoro atumfoɔ
ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.
22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu
sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu;
wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu
na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
23 Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu;
na Asafo Awurade bɛdi ɔhene
wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem,
ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.