25
Ayɛyie Nka Awurade
Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn;
mɛma wo so na mayi wo din ayɛ,
ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu
ayɛ anwanwadeɛ bebree,
nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie,
kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe;
ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio;
na wɔrensi bio.
Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni
atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.
Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea,
ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea,
ahum ano ahintaeɛ
ɔhyeɛ mu nwunu
na atutupɛfoɔ ahome
te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo
ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so.
Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase;
sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no,
saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.
Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so.
Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna,
ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe
owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho
ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;
Ɔbɛmene owuo afebɔɔ.
Asafo Awurade bɛpepa
aniso nisuo nyinaa.
Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora,
afiri nsase nyinaa so.
Awurade na waka.
Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ,
“Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie;
yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn;
Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ;
momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”
 
10  Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so;
nanso ɔbɛtiatia Moab so
te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.
11 Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so,
sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ.
Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase
a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.
12 Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu;
ɔbɛbubu agu fam
ama ayɛ mfuturo.