27
Israel Ɔgyeɛ
Saa ɛda no,
Awurade de nʼakofena bɛtwe aso,
ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no
bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ
a ɔbobɔ ne ho no aso;
ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no.
Saa da no,
“To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ:
Me, Awurade, mehwɛ so;
megugu so nsuo ɛberɛ biara.
Mebɔ ho ban awia ne anadwo
sɛdeɛ obiara rensɛe no.
Me bo mfuiɛ.
Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a
anka mene wɔn de bɛbɔ ani;
na mahye wɔn nyinaa.
Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta
na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho,
aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”
 
Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,
Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ
na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.
 
Awurade abɔ Israel
sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa?
Awurade akum Israel
sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?
Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.
Wode mframa a ano yɛ den pam no
te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.
Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie;
yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara:
Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ
mu nketenkete,
na Asera afɔrebukyia
ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.
10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan;
atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam;
ɛhɔ na anantwie mma didie,
ɛhɔ na wɔdeda;
wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.
11 Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu
na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya.
Na saa nnipa yi nni nteaseɛ
enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ,
na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.
12 Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. 13 Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.