28
Efraim Nnue
Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ
na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so.
Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.
Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ.
Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma.
Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.
Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no,
wɔbɛtiatia so.
Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu
deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no,
ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru.
Sɛ obi hunu na ɔte a
ɔdi no ntɛm so.
 
Saa ɛda no Asafo Awurade
bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ,
nhwiren abotire fɛfɛ
ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.
Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom
ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu.
Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae
ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.
 
Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so,
na nsaden ma wɔhinhim;
nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan
na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ;
na wɔhinhim.
Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu,
na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.
Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so,
na baabiara ayɛ efi.
 
Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho?
Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa?
Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?
10 Ɔkasa bebree:
Ɔka yei, na waka yei
ɔma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.”
 
11 Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ
na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
“Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome;
ahodwobea nso nie,”
nanso wɔantie no.
13 Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio:
Ɔbɛka yei, na waka yei,
ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra,
na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi;
wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.
 
14 Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ
a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
15 Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam,
yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ
sɛ asotwe a ano yɛ den ba a,
ɛrentumi nka yɛn,
ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea
ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.”
16 Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion,
ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,
tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den;
deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.
17 Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma
na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma.
Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no,
na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.
18 Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu;
nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina.
Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a,
ɛbɛtwi afa mo so.
19 Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ;
anɔpa, awia ne anadwo biara,
ɛbɛfa mu akɔ.”
 
Saa nkra yi nteaseɛ
de ehu bɛba.
20 Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so.
Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
21  Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no.
Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no
yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no,
na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.
22 Afei gyae wo fɛdie no,
anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;
Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me
ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
 
23 Montie na monte me nne;
monwɛn mo aso na montie deɛ meka.
24 Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa?
Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?
25 Sɛ ɔsiesie asase no ani a,
ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa?
Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?
26 Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ
na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no.
 
27 Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho,
wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so;
wɔde poma na ɛboro ɛme,
na wɔde abaa aboro tɛtɛ.
28 Wɔyam aburoo de to burodo
enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da.
Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ,
nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29 Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade,
afutuo mu nwanwani,
na ne nyansa boro so.