29
Nnome Nka Dawid Kuropɔn
Due wo Ariel,
Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!
Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.
Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;
wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,
wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.
Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;
mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia
na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.
Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;
mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.
Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;
wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.
 
Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,
na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.
Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.
Asafo Awurade bɛba.
Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,
mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.
Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,
wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,
ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,
anaa anadwo mu anisoadehunu.
Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,
na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;
sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,
nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,
saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a
wɔko tia Bepɔ Sion no.
 
Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,
mo ani mfira a monhunu adeɛ;
mommoboro a ɛmfiri nsã,
montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.
10  Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
Wakata mo ani (adiyifoɔ no);
wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
11 Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12 Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”
13 Awurade ka sɛ,
“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me
na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,
nanso wɔn akoma mmɛn me.
Som a wɔsom me no
yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.
Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;
mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,
na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
15 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,
wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,
“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
16 Mosisi nneɛma tiri ase.
Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!
Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,
“Wo na woyɛɛ me anaa”?
Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ
“Ɔnnim hwee anaa”?
 
17 Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ
na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.
18 Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu
na kusuuyɛ ne esum mu mpo
onifirani ani bɛhunu adeɛ.
19 Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio;
ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20 Atutupɛfoɔ bɛyera,
wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,
na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.
21 Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,
wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ
na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.
22 Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no
ka kyerɛ Yakob fiefoɔ:
Yakob anim renguase bio;
wɔn anim rento hoa bio.
23 Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu,
wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a,
wɔbɛyɛ me din no kronkron;
wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,
na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.
24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ;
wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.